Psalms 93


1 Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no;
wɔde tumi ahentade ahyɛ Awurade
na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode.
Wɔde wiase atim hɔ pintinn;
na wɔrentumi ntutu.

2 Wʼahengua tim hɔ fi tete;
na wowɔ hɔ fi mmeresanten.


3 Awurade, po ama wɔn ho so,
po ama wɔn nne so;
po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so.

4 Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu,
nea ɔwɔ tumi sen po nworoso,
Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse.


5 Awurade, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn;
kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyam
daa nyinaa.
Copyright information for TwiAKNA